Psalms 67

Dwom.


1 Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn
ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,

2 na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so,
ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.

3 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo.

4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom,
efisɛ wudi nnipa no so trenee mu
na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

5 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo!


6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae,
na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.

Onyankopɔn behyira yɛn,
na asase mmaa nyinaa besuro no.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

7
Copyright information for TwiAKNA